Hesekiel 23:31
Ezekiel 23:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Woayɛ deɛ wo nuabaa yɛeɛ no bi; na ɛno enti mede ne kuruwa bɛhyɛ wo nsa.
Ezekiel 23:31 in English
Ezekiel 23:31 · Berean Standard Bible
Because you have followed the path of your sister, I will put her cup into your hand.’
Context
29Wɔde ɔtan ne wo bɛdi, na wɔafa deɛ woayɛ adwuma apɛ nyinaa. Wɔbɛgya wo adagya ne kwaterekwa, na wʼadwamammɔ ho aniwuo no bɛda adi. Wʼaniwudeɛ ne wʼadwamansɛm no 30na ɛde yeinom aba wo so, ɛfiri sɛ wo kɔn dɔɔ amanaman no na wode wɔn ahoni guu wo ho fi. 31Woayɛ deɛ wo nuabaa yɛeɛ no bi; na ɛno enti mede ne kuruwa bɛhyɛ wo nsa. 32“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“Wobɛnom wo nuabaa kuruwa ano,
kuruwa a ɛso na emu dɔ;
ɛde fɛdie ne ahohora bɛba,
ɛfiri sɛ deɛ ɛwɔ mu dɔɔso. 33Nsãborɔ ne awerɛhoɔ bɛhyɛ wo ma,
ɔsɛeɛ ne afoyɛ kuruwa no,
wo nuabaa Samaria kuruwa no bɛhyɛ wo ma.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.