Native Bible

Ezekiel 22:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

Ezekiel 22:17 in English

Ezekiel 22:17 · Berean Standard Bible

Then the word of the LORD came to me, saying,

Context

15Mɛhwete wo mu agu amanaman no so, na mabɔ wo apansam amantam no mu; na mede wo afideyɛ aba nʼawieeɛ. 16Sɛ wɔgu wo ho fi wɔ amanaman no mu a, wobɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ” 17Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 18“Onipa ba, Israel efie abɛyɛ dwetɛ ase fi ama me; wɔn nyinaa yɛ kɔbere, sanya, dadeɛ ne sumpii a wɔagya wɔ fononoo mu. Wɔyɛ dwetɛ fi hunaa. 19Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ mo nyinaa abɛyɛ dwetɛ fi enti, mɛboaboa mo ano wɔ Yerusalem.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.