Hesekiel 22:16
Ezekiel 22:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ wɔgu wo ho fi wɔ amanaman no mu a, wobɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ”
Ezekiel 22:16 in English
Ezekiel 22:16 · Berean Standard Bible
And when you have defiled yourself * in the eyes of the nations, then you will know that I am the LORD.’”
Context
14Wʼakokoduro bɛtumi agyina anaa sɛ wo nsa bɛyɛ den ɛda no a me ne wo bɛnya no anaa? Me Awurade na akasa, na mɛyɛ. 15Mɛhwete wo mu agu amanaman no so, na mabɔ wo apansam amantam no mu; na mede wo afideyɛ aba nʼawieeɛ. 16Sɛ wɔgu wo ho fi wɔ amanaman no mu a, wobɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ” 17Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 18“Onipa ba, Israel efie abɛyɛ dwetɛ ase fi ama me; wɔn nyinaa yɛ kɔbere, sanya, dadeɛ ne sumpii a wɔagya wɔ fononoo mu. Wɔyɛ dwetɛ fi hunaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.