Native Bible

Ezekiel 18:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔrennyina bɔne a wayɛ no mu biara so mmu no atɛn. Ne tenenee nneyɛɛ enti, ɔbɛnya nkwa.

Ezekiel 18:22 in English

Ezekiel 18:22 · Berean Standard Bible

None of the transgressions he has committed will be held against him. Because of the righteousness he has practiced, he will live.

Context

20Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ne deɛ ɔbɛwuo. Ɔbabarima no rennya nʼagya afɔdie no ho asotwe bi, saa ara na agya no nso rennya ɔbabarima no afɔdie ho asotwe no bi. Ɔteneneeni adeteneneeyɛ no bɛdi ama no, na wɔde omumuyɛfoɔ amumuyɛsɛm bɛbu atia no. 21“Na sɛ omumuyɛfoɔ twe ne ho firi bɔne a wayɛ nyinaa ho, na ɔdi mʼahyɛdeɛ so, na afei ɔyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ papa a, ampa ara ɔbɛnya nkwa na ɔrenwu. 22Wɔrennyina bɔne a wayɛ no mu biara so mmu no atɛn. Ne tenenee nneyɛɛ enti, ɔbɛnya nkwa. 23Mʼani gye amumuyɛfoɔ wuo ho anaa? Otumfoɔ Awurade bisa. Sɛ wɔtwe wɔn ho firi wɔn akwammɔne ho na wɔnya nkwa a, mʼani nnye anaa? 24“Na sɛ ɔteneneeni twe ne ho firi ne tenenee adeyɛ ho, kɔyɛ bɔne, na ɔyɛ akyiwadeɛ a amumuyɛfoɔ yɛ a, ɔbɛnya nkwa anaa? Wɔrenkae ne tenenee nneyɛɛ no. Esiane sɛ ɔdi nokorɛdie ho fɔ na wayɛ bɔne enti, ɔbɛwu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.