Hesekiel 18:23
Ezekiel 18:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mʼani gye amumuyɛfoɔ wuo ho anaa? Otumfoɔ Awurade bisa. Sɛ wɔtwe wɔn ho firi wɔn akwammɔne ho na wɔnya nkwa a, mʼani nnye anaa?
Ezekiel 18:23 in English
Ezekiel 18:23 · Berean Standard Bible
Do I take any pleasure in the death of the wicked? declares the Lord GOD. Wouldn’t I prefer that he turn from his ways and live?
Context
21“Na sɛ omumuyɛfoɔ twe ne ho firi bɔne a wayɛ nyinaa ho, na ɔdi mʼahyɛdeɛ so, na afei ɔyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ papa a, ampa ara ɔbɛnya nkwa na ɔrenwu. 22Wɔrennyina bɔne a wayɛ no mu biara so mmu no atɛn. Ne tenenee nneyɛɛ enti, ɔbɛnya nkwa. 23Mʼani gye amumuyɛfoɔ wuo ho anaa? Otumfoɔ Awurade bisa. Sɛ wɔtwe wɔn ho firi wɔn akwammɔne ho na wɔnya nkwa a, mʼani nnye anaa? 24“Na sɛ ɔteneneeni twe ne ho firi ne tenenee adeyɛ ho, kɔyɛ bɔne, na ɔyɛ akyiwadeɛ a amumuyɛfoɔ yɛ a, ɔbɛnya nkwa anaa? Wɔrenkae ne tenenee nneyɛɛ no. Esiane sɛ ɔdi nokorɛdie ho fɔ na wayɛ bɔne enti, ɔbɛwu. 25“Nanso moka sɛ, ‘Awurade ɛkwan ntene.’ Montie, Israel efie, Me ɛkwan ntene anaa? Ɛnyɛ mo akwan mmom na ɛntene?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.