Hesekiel 17:2
Ezekiel 17:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Onipa ba, dwene mfatoho bi ho, fa yɛ abɛbusɛm na ka kyerɛ Israel efie.
Ezekiel 17:2 in English
Ezekiel 17:2 · Berean Standard Bible
“Son of man, pose a riddle; speak a parable to the house of Israel
Context
1Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 2“Onipa ba, dwene mfatoho bi ho, fa yɛ abɛbusɛm na ka kyerɛ Israel efie. 3Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɔkɔdeɛ kɛseɛ bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wɔ mu ne ntakra atentene bebree a ɛwɔ ahosu ahodoɔ baa Lebanon. Ɔkɔsii ntweneduro dua nkɔn mu, 4buu ne mman a ɛwɔ atifi paa na ɔde kɔɔ adwadifoɔ asase bi so kɔdua wɔ wɔn kuropɔn mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.