Hesekiel 17:4
Ezekiel 17:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
buu ne mman a ɛwɔ atifi paa na ɔde kɔɔ adwadifoɔ asase bi so kɔdua wɔ wɔn kuropɔn mu.
Ezekiel 17:4 in English
Ezekiel 17:4 · Berean Standard Bible
He plucked off its topmost shoot, carried it to the land of merchants, and planted it in a city of traders.
Context
2“Onipa ba, dwene mfatoho bi ho, fa yɛ abɛbusɛm na ka kyerɛ Israel efie. 3Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɔkɔdeɛ kɛseɛ bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wɔ mu ne ntakra atentene bebree a ɛwɔ ahosu ahodoɔ baa Lebanon. Ɔkɔsii ntweneduro dua nkɔn mu, 4buu ne mman a ɛwɔ atifi paa na ɔde kɔɔ adwadifoɔ asase bi so kɔdua wɔ wɔn kuropɔn mu. 5“ ‘Ɔfaa wʼasase so aba no bi kɔhyɛɛ dɔte bereɛ mu. Ɔduaa no sɛ ɔfɔtɔ dua a ɛwɔ nsuwansuwa ho, 6na ɛfefɛ bɛyɛɛ bobe a ɛtrɛtrɛ fam. Ne mman no danedane kyerɛɛ ne so, na ne nhini no nyini kɔɔ fam. Enti ɛbɛyɛɛ bobe yiyii mman a ɛso wɔ nhahan a ɛyɛ fɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.