Hesekiel 17:12
Ezekiel 17:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ka kyerɛ saa atuatefoɔ efie yi sɛ, ‘Monnim deɛ saa nneɛma yi kyerɛ anaa?’ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Babiloniahene kɔɔ Yerusalem kɔsoaa ne ɔhene ne ne mmapɔmma de wɔn baa Babilonia.
Ezekiel 17:12 in English
Ezekiel 17:12 · Berean Standard Bible
“Now say to this rebellious house: ‘Do you not know what these things mean?’ Tell them, ‘Behold, the king of Babylon came to Jerusalem, carried off its king and officials, and brought them back with him to Babylon.
Context
10Sɛ wɔtu bobe no tɛ a, ɛbɛyɛ yie? Sɛ apueeɛ mframa bɔ no a, ɛrentwintwam anaa? Ɛbɛwu wɔ asase pa a wɔduaa wɔ so ma ɛnyinii yie no.’ ” 11Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 12“Ka kyerɛ saa atuatefoɔ efie yi sɛ, ‘Monnim deɛ saa nneɛma yi kyerɛ anaa?’ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Babiloniahene kɔɔ Yerusalem kɔsoaa ne ɔhene ne ne mmapɔmma de wɔn baa Babilonia. 13Ɔyii ɔdehyeɛ baako ne no kaa ntam yɛɛ apam. Ɔsoaa ntuanofoɔ ne atitire a wɔwɔ asase no so nso kɔɔeɛ, 14sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ahennie no renyɛ den na wɔrensɔre bio, na apam no nko ara na ɛbɛbɔ wɔn ho ban.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.