Hesekiel 17:11
Ezekiel 17:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
Ezekiel 17:11 in English
Ezekiel 17:11 · Berean Standard Bible
Then the word of the LORD came to me, saying,
Context
9“Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛbɛyɛ yie anaa? Wɔrentu nʼase ntete ne so aba ma ɛntwintwam anaa? Deɛ afefɛ wɔ ho nyinaa bɛtwintwam. Ɛho renhia abasa a emu yɛ duru anaa nnipa bebree na watu nʼase. 10Sɛ wɔtu bobe no tɛ a, ɛbɛyɛ yie? Sɛ apueeɛ mframa bɔ no a, ɛrentwintwam anaa? Ɛbɛwu wɔ asase pa a wɔduaa wɔ so ma ɛnyinii yie no.’ ” 11Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 12“Ka kyerɛ saa atuatefoɔ efie yi sɛ, ‘Monnim deɛ saa nneɛma yi kyerɛ anaa?’ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Babiloniahene kɔɔ Yerusalem kɔsoaa ne ɔhene ne ne mmapɔmma de wɔn baa Babilonia. 13Ɔyii ɔdehyeɛ baako ne no kaa ntam yɛɛ apam. Ɔsoaa ntuanofoɔ ne atitire a wɔwɔ asase no so nso kɔɔeɛ,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.