Hesekiel 17:14
Ezekiel 17:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ahennie no renyɛ den na wɔrensɔre bio, na apam no nko ara na ɛbɛbɔ wɔn ho ban.
Ezekiel 17:14 in English
Ezekiel 17:14 · Berean Standard Bible
so that the kingdom would be brought low, unable to lift itself up, surviving only by keeping his covenant.
Context
12“Ka kyerɛ saa atuatefoɔ efie yi sɛ, ‘Monnim deɛ saa nneɛma yi kyerɛ anaa?’ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Babiloniahene kɔɔ Yerusalem kɔsoaa ne ɔhene ne ne mmapɔmma de wɔn baa Babilonia. 13Ɔyii ɔdehyeɛ baako ne no kaa ntam yɛɛ apam. Ɔsoaa ntuanofoɔ ne atitire a wɔwɔ asase no so nso kɔɔeɛ, 14sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ahennie no renyɛ den na wɔrensɔre bio, na apam no nko ara na ɛbɛbɔ wɔn ho ban. 15Nanso Israelhene no somaa ananmusifoɔ kɔɔ Misraim kɔsrɛɛ akodɔm kɛseɛ ne apɔnkɔ bebree nam so tee atua. Ɔbɛdi nkonim anaa? Deɛ ɔyɛ saa nneɛma yi bɛnya ne tiri adidi mu anaa? Ɔbɛbu apam no so na wanya ne tiri nso adidi mu anaa? 16“ ‘Sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ, Israelhene no bɛwu wɔ Babilonia. Ɔbɛwu wɔ Babilonia, asase a ɔhene ɔde no sii ahendwa so na ɔbuu nʼapam so no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.