Hesekiel 14:5
Ezekiel 14:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛyɛ yei de atwe Israelfoɔ a wɔagya me akɔdi wɔn abosom akyi no akoma aba bio.’
Ezekiel 14:5 in English
Ezekiel 14:5 · Berean Standard Bible
so that I may take hold of the hearts of the people of Israel. For because of their idols, they are all estranged from Me.’
Context
3“Onipa ba, saa mmarimma yi de ahoni ahyɛ wɔn akoma mu na wɔde amumuyɛ suntidua asisi wɔn anim. Ɛsɛ sɛ mema wɔbisa mʼase koraa anaa? 4Enti kasa kyerɛ wɔn na ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ Israelni biara de ahoni hyehyɛ nʼakoma mu na ɔde amumuyɛ suntidua sisi nʼanim, na afei ɔkɔ odiyifoɔ nkyɛn a, me Awurade, mɛma no mmuaeɛ a ɛfata nʼahonisom no kɛseyɛ. 5Mɛyɛ yei de atwe Israelfoɔ a wɔagya me akɔdi wɔn abosom akyi no akoma aba bio.’ 6“Enti ka kyerɛ Israel efie sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Monsakra mo adwene. Momfiri mo ahoni ho na monnyae mo nneyɛeɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no! 7“ ‘Sɛ Israelni bi anaa ɔnanani a ɔte Israel twe ne ho firi me nkyɛn na ɔde ahoni hyɛ nʼakoma mu de amumuyɛ suntidua si nʼanim, na afei ɔkɔ odiyifoɔ nkyɛn kɔbisa mʼase a, me, Awurade ankasa bɛbua no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.