Hesekiel 14:3
Ezekiel 14:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Onipa ba, saa mmarimma yi de ahoni ahyɛ wɔn akoma mu na wɔde amumuyɛ suntidua asisi wɔn anim. Ɛsɛ sɛ mema wɔbisa mʼase koraa anaa?
Ezekiel 14:3 in English
Ezekiel 14:3 · Berean Standard Bible
“Son of man, these men have set up idols in their hearts and put wicked stumbling blocks before their faces. Should I consult with them in any way?
Context
1Israel mpanimfoɔ no mu bi baa me nkyɛn bɛtenatena mʼanim. 2Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 3“Onipa ba, saa mmarimma yi de ahoni ahyɛ wɔn akoma mu na wɔde amumuyɛ suntidua asisi wɔn anim. Ɛsɛ sɛ mema wɔbisa mʼase koraa anaa? 4Enti kasa kyerɛ wɔn na ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ Israelni biara de ahoni hyehyɛ nʼakoma mu na ɔde amumuyɛ suntidua sisi nʼanim, na afei ɔkɔ odiyifoɔ nkyɛn a, me Awurade, mɛma no mmuaeɛ a ɛfata nʼahonisom no kɛseyɛ. 5Mɛyɛ yei de atwe Israelfoɔ a wɔagya me akɔdi wɔn abosom akyi no akoma aba bio.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.