Hesekiel 12:5
Ezekiel 12:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a wɔrehwɛ no, tu ɔfasuo no mu tokuro na yi wo nneɛma no fa mu.
Ezekiel 12:5 in English
Ezekiel 12:5 · Berean Standard Bible
As they watch, dig through the wall and carry your belongings out through it.
Context
3“Enti, onipa ba, boaboa wo nneɛma ano ma asutwa, na adekyeɛ mu a wɔrehwɛ no, firi deɛ wowɔ, na kɔ beaeɛ foforɔ. Ɛwom sɛ wɔyɛ atuatefoɔ deɛ, nanso ebia wɔbɛte aseɛ. 4Adekyeɛ mu a wɔrehwɛ no, fa wo nneɛma a woaboa ano ama asutwa no pue. Afei anwummerɛ a wɔrehwɛ no, firi adi sɛdeɛ wɔn atukɔfoɔ yɛ no. 5Ɛberɛ a wɔrehwɛ no, tu ɔfasuo no mu tokuro na yi wo nneɛma no fa mu. 6Fa to wo mmatire so, ɛberɛ a wɔrehwɛ, na afei adeɛ resa a, soa kɔ. Kata wʼanim sɛdeɛ wonhunu asase no, ɛfiri sɛ mayɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ ama Israel efie.” 7Enti meyɛɛ sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no. Adekyeɛ mu no, mede me nneɛma a maboa ano ama asutwa no pueeɛ. Anwummerɛ no, mede me nsa tuu tokuro wɔ ɔfasuo no mu, na adeɛ resa no, meyii me nneɛma no soaa no me mmatire so a wɔrehwɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.