Native Bible

Ezekiel 12:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Adekyeɛ mu a wɔrehwɛ no, fa wo nneɛma a woaboa ano ama asutwa no pue. Afei anwummerɛ a wɔrehwɛ no, firi adi sɛdeɛ wɔn atukɔfoɔ yɛ no.

Ezekiel 12:4 in English

Ezekiel 12:4 · Berean Standard Bible

Bring out your baggage for exile by day, as they watch. Then in the evening, as they watch, go out like those who go into exile.

Context

2“Onipa ba, wote nnipa a wɔte atua mu. Wɔwɔ ani nanso wɔnnhunu adeɛ. Wɔwɔ aso nanso wɔnte asɛm, ɛfiri sɛ wɔyɛ nnipa atuatefoɔ. 3“Enti, onipa ba, boaboa wo nneɛma ano ma asutwa, na adekyeɛ mu a wɔrehwɛ no, firi deɛ wowɔ, na kɔ beaeɛ foforɔ. Ɛwom sɛ wɔyɛ atuatefoɔ deɛ, nanso ebia wɔbɛte aseɛ. 4Adekyeɛ mu a wɔrehwɛ no, fa wo nneɛma a woaboa ano ama asutwa no pue. Afei anwummerɛ a wɔrehwɛ no, firi adi sɛdeɛ wɔn atukɔfoɔ yɛ no. 5Ɛberɛ a wɔrehwɛ no, tu ɔfasuo no mu tokuro na yi wo nneɛma no fa mu. 6Fa to wo mmatire so, ɛberɛ a wɔrehwɛ, na afei adeɛ resa a, soa kɔ. Kata wʼanim sɛdeɛ wonhunu asase no, ɛfiri sɛ mayɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ ama Israel efie.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.