Native Bible

Ezekiel 12:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Onipa ba, sɛ woredidi a, ma wo ho nwoso, na fa ehu nom wo nsuo.

Ezekiel 12:18 in English

Ezekiel 12:18 · Berean Standard Bible

“Son of man, eat your bread with trembling, and drink your water with quivering and anxiety.

Context

16Nanso mɛma wɔn mu kakra anya wɔn tiri adidi mu wɔ ɔkɔm, ɔyaredɔm ne akofena ano, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn ani bɛba wɔn akyiwadeɛ ahodoɔ no so wɔ aman a wɔbɛkɔ so no mu. Afei wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade no.” 17Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 18“Onipa ba, sɛ woredidi a, ma wo ho nwoso, na fa ehu nom wo nsuo. 19Ka kyerɛ nnipa a wɔwɔ asase no so sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka fa wɔn a wɔte Yerusalem ne Israel asase so ho: Wɔde ahopereɛ bɛdidi na wɔde abasamutuo anom nsuo, ɛfiri sɛ wɔbɛsɛe asase no so nneɛma nyinaa, ɛsiane wɔn a wɔtete soɔ no akakabensɛm enti. 20Wɔbɛsɛe nkuro a nnipa tete soɔ no nyinaa na asase no bɛda mpan. Afei wobɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.