Native Bible

Ezekiel 12:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,

Ezekiel 12:17 in English

Ezekiel 12:17 · Berean Standard Bible

Moreover, the word of the LORD came to me, saying,

Context

15“Ɛberɛ a mabɔ wɔn apete amanaman so, na mahwete wɔn agu nsase so no, wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade no. 16Nanso mɛma wɔn mu kakra anya wɔn tiri adidi mu wɔ ɔkɔm, ɔyaredɔm ne akofena ano, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn ani bɛba wɔn akyiwadeɛ ahodoɔ no so wɔ aman a wɔbɛkɔ so no mu. Afei wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade no.” 17Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 18“Onipa ba, sɛ woredidi a, ma wo ho nwoso, na fa ehu nom wo nsuo. 19Ka kyerɛ nnipa a wɔwɔ asase no so sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka fa wɔn a wɔte Yerusalem ne Israel asase so ho: Wɔde ahopereɛ bɛdidi na wɔde abasamutuo anom nsuo, ɛfiri sɛ wɔbɛsɛe asase no so nneɛma nyinaa, ɛsiane wɔn a wɔtete soɔ no akakabensɛm enti.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.