Native Bible

Ezekiel 11:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛno enti hyɛ nkɔm tia wɔn. Hyɛ nkɔm onipa ba.”

Ezekiel 11:4 in English

Ezekiel 11:4 · Berean Standard Bible

Therefore prophesy against them; prophesy, O son of man!”

Context

2Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, yeinom ne mmarima a wɔrebɔ pɔ bɔne na wɔtu fo bɔne wɔ kuropɔn yi mu. 3Wɔka sɛ, ‘Ɛberɛ a wɔde sisi afie nnuru so anaa? Kuropɔn no ayɛ sɛ dadesɛn, ɛnna yɛayɛ ɛnam a dadesɛn no bɔ yɛn ho ban.’ 4Ɛno enti hyɛ nkɔm tia wɔn. Hyɛ nkɔm onipa ba.” 5Afei, Awurade Honhom baa me so na ɔka kyerɛɛ me sɛ menka nkyerɛ Israelfoɔ sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ. Menim deɛ moreka, ɛfiri sɛ menim nsusuiɛ a ɛwɔ mo adwene mu. 6Moakunkum nnipa bebree wɔ kuropɔn yi mu, na mode afunu ahyɛ ne mmɔntene so ma.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.