2 Mose 7:6
Exodus 7:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, Mose ne Aaron yɛɛ sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ wɔn no.
Exodus 7:6 in English
Exodus 7:6 · Berean Standard Bible
So Moses and Aaron did just as the LORD had commanded them.
Context
4Anwanwadeɛ ahodoɔ no akyiri, ɔbɛkɔ so ayɛ akomaden ara, enti mɛtɔre wɔn ase na madi me manfoɔ anim, ayi wɔn afiri asase no so. 5Na sɛ mekyerɛ me tumi kyerɛ Misraimfoɔ no a, wɔbɛhunu sɛ, nokorɛ, mene Awurade no, na wɔama me nkurɔfoɔ no ɛkwan ama wɔakɔ.” 6Enti, Mose ne Aaron yɛɛ sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ wɔn no. 7Ɛberɛ a Mose ne Aaron kɔhyiaa Farao no, na Mose adi mfeɛ aduɔwɔtwe, ɛnna Aaron nso adi mfeɛ aduɔwɔtwe mmiɛnsa. 8Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.