Native Bible

Exodus 40:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, Mose kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ Awurade akyerɛ no no.

Exodus 40:16 in English

Exodus 40:16 · Berean Standard Bible

Moses did everything just as the LORD had commanded him.

Context

14Afei, fa ne mmammarima no bra na fa wɔn ntadeɛ hyehyɛ wɔn 15na pete ngo gu wɔn so sɛdeɛ woyɛɛ wɔn agya no, sɛdeɛ wɔbɛsom me sɛ asɔfoɔ. Wɔn ngosra no bɛtena hɔ daa firi awo ntoatoasoɔ so akɔsi awo ntoatoasoɔ so. Na daa wɔn asefoɔ bɛyɛ asɔfoɔ.” 16Enti, Mose kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ Awurade akyerɛ no no. 17Afe a ɛtɔ so mmienu no mu bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no, wɔkekaa Ahyiaeɛ Ntomadan no sisii animu. 18Mose sii Ahyiaeɛ Ntomadan no; ɔde nsisisoɔ no sisii wɔn afa, de nnyinasoɔ no hyehyɛɛ mu de mmeamu nnua beabeaa mu de mpunan sisii wɔn afa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.