Native Bible

Exodus 30:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Obiara a ɔbɛfra aduhwam a ɛte sɛ no anaa ɔbɛhwie bi agu obi a ɔnyɛ ɔsɔfoɔ so no, wɔbɛtwa no asuo.’ ”

Exodus 30:33 in English

Exodus 30:33 · Berean Standard Bible

Anyone who mixes perfume like it or puts it on an outsider shall be cut off from his people.’”

Context

31Na monka nkyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Yei ne me srango kronkron. 32Ɛnsɛ sɛ wɔhwie gu obiara so kwa, na ɛnsɛ sɛ mo ara ankasa nso moyɛ bi, ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron enti ɛsɛ sɛ mo nso moyɛ no kronkron. 33Obiara a ɔbɛfra aduhwam a ɛte sɛ no anaa ɔbɛhwie bi agu obi a ɔnyɛ ɔsɔfoɔ so no, wɔbɛtwa no asuo.’ ” 34Awurade hyɛɛ mmara a ɛfa aduhwam no ho maa Mose sɛ, “Fa nnuhwam aneneduro ne nworahwam ne prɛkɛsɛ hwamhwam ne ohwamfufuo gyenegyene na wɔnsusu ne nyinaa mu duru ma ɛnyɛ pɛ, 35na fa yɛ aduhwam a wɔhyeɛ a aduhwamfrani a waben yɛ no bi, na wɔmfa nkyene mfra mu; na ɛbɛyɛ aduhwam kronkron.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.