Native Bible

Exodus 30:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Obiara a wadi mfeɛ aduonu rekorɔ no na ɔbɛbɔ saa afɔdeɛ yi.

Exodus 30:14 in English

Exodus 30:14 · Berean Standard Bible

Everyone twenty years of age or older who crosses over must give this offering to the LORD.

Context

12“Ɛberɛ biara a wobɛkan Israelfoɔ no, obiara a wɔbɛkan no no mfa ne mpatadeɛ mmrɛ Awurade mma ne kra, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔyaredɔm biara remma wɔn mu bi so. 13Ɛsɛ sɛ obiara a wɔkan no no ma dwetɛbena fa, a emu duru yɛ gram nsia (sɛdeɛ kronkronbea mu dwetɛbena boɔ teɛ no). 14Obiara a wadi mfeɛ aduonu rekorɔ no na ɔbɛbɔ saa afɔdeɛ yi. 15Ɛnsɛ sɛ adefoɔ ma ma ɛboro sika a wɔatwa ato hɔ no so. Ɛnsɛ sɛ ahiafoɔ nso ma deɛ ɛsua sene saa, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Awurade afɔdeɛ a ɔde rete yɛn ho ama yɛn. 16Momfa saa sika yi nsiesie Ahyiaeɛ Ntomadan no. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛma Awurade ani aba mo, Israelfoɔ so, na ayɛ mpatadeɛ nso ama mo.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.