2 Mose 29:11
Exodus 29:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, monkum no wɔ Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano.
Exodus 29:11 in English
Exodus 29:11 · Berean Standard Bible
And you shall slaughter the bull before the LORD at the entrance to the Tent of Meeting.
Context
9Momfa wɔn abɔwomu no ne ɛkyɛ nka wɔn ho. Saa ɛkwan yi so na momfa nhyɛ Aaron ne ne mma ne wɔn asefoɔ ma wɔnyɛ asɔfoɔ daa nyinaa. 10“Mode nantwie ba no bɛba Ahyiaeɛ Ntomadan no anim na Aaron ne ne mmammarima de wɔn nsa agu aboa no apampam. 11Afei, monkum no wɔ Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. 12Momfa ne mogya nsrasra mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no so. Momfa mo nsateaa na ɛnyɛ, na monhwie mogya a ɛbɛka no ngu afɔrebukyia no ase. 13Monyi ne mu sradeɛ no ne ne berɛboɔ kotokuo no ne ne sawa mmienu no ne sradeɛ a ɛwɔ ho no na monhye no wɔ afɔrebukyia no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.