Native Bible

Exodus 2:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔsane kɔduruu wɔn agya Reuel* nkyɛn no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na ɛnnɛ deɛ monyaa nsuo maa nnwan yi nom ntɛm seyie?”

Exodus 2:18 in English

Exodus 2:18 · Berean Standard Bible

When the daughters returned to their father Reuel,* he asked them, “Why have you returned so early today?”

Context

16Midian ɔsɔfoɔ mmammaa baason bi baa hɔ sɛ wɔrebɛto nsuo de akɔma wɔn agya nnwan. 17Nanso, nnwanhwɛfoɔ bi pampam mmaayewa no. Mose bɛgyee wɔn firii nnwanhwɛfoɔ no nsam maa mmaayewa no nnwan no nyaa nsuo nomeeɛ. 18Wɔsane kɔduruu wɔn agya Reuel* nkyɛn no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na ɛnnɛ deɛ monyaa nsuo maa nnwan yi nom ntɛm seyie?” 19Wɔka kyerɛɛ wɔn agya sɛ, “Misraimni bi na ɔgyee yɛn firii nnwanhwɛfoɔ no nsam. Ɔno ara na ɔtoo nsuo maa yɛn nnwan no nomeeɛ.” 20Wɔn agya bisaa sɛ, “Na ɔwɔ he? Mogyaa no hɔ anaa? Monkɔfrɛ no na ɔmmɛdidi.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.