2 Mose 2:19
Exodus 2:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔka kyerɛɛ wɔn agya sɛ, “Misraimni bi na ɔgyee yɛn firii nnwanhwɛfoɔ no nsam. Ɔno ara na ɔtoo nsuo maa yɛn nnwan no nomeeɛ.”
Exodus 2:19 in English
Exodus 2:19 · Berean Standard Bible
“An Egyptian rescued us from the shepherds,” they replied. “He even drew water for us and watered the flock.”
Context
17Nanso, nnwanhwɛfoɔ bi pampam mmaayewa no. Mose bɛgyee wɔn firii nnwanhwɛfoɔ no nsam maa mmaayewa no nnwan no nyaa nsuo nomeeɛ. 18Wɔsane kɔduruu wɔn agya Reuel* nkyɛn no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na ɛnnɛ deɛ monyaa nsuo maa nnwan yi nom ntɛm seyie?” 19Wɔka kyerɛɛ wɔn agya sɛ, “Misraimni bi na ɔgyee yɛn firii nnwanhwɛfoɔ no nsam. Ɔno ara na ɔtoo nsuo maa yɛn nnwan no nomeeɛ.” 20Wɔn agya bisaa sɛ, “Na ɔwɔ he? Mogyaa no hɔ anaa? Monkɔfrɛ no na ɔmmɛdidi.” 21Mose kɔɔ Reuel frɛ no. Akyire yi no, ɔne wɔn kɔtenaeɛ ma Reuel de ne babaa Sipora maa no awadeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.