Native Bible

Exodus 18:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nʼase no kaa sɛ, “Deɛ woreyɛ no nyɛ.

Exodus 18:17 in English

Exodus 18:17 · Berean Standard Bible

But Moses’ father-in-law said to him, “What you are doing is not good.

Context

15Mose buaa sɛ, “Nnipa no de akasakasa bi a asisi wɔn ntam bɛtoo mʼanim sɛ memmisa Onyankopɔn akwankyerɛ. 16Sɛ akyinnyeɛ bi ba wɔn ntam a, wɔba ma mesiesie. Mekyerɛ wɔn Onyankopɔn mmara ne nʼapɛdeɛ.” 17Nʼase no kaa sɛ, “Deɛ woreyɛ no nyɛ. 18Worekum wo ho na sɛ wowu a, nnipa yi bɛyɛ dɛn? Mose, adwuma yi so dodo sɛ wo nko ara wobɛyɛ. 19Tie fo a merebɛtu wo yi na Onyankopɔn bɛhyira wo. Kɔ so ara si nnipa no anan wɔ Onyankopɔn anim na fa wɔn haw to nʼanim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.