Efesofoɔ 4:6
Ephesians 4:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yɛwɔ Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn nyinaa Agya a ɔdi yɛn nyinaa so. Ɔnam yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu nso.
Ephesians 4:6 in English
Ephesians 4:6 · Berean Standard Bible
one God and Father of all, who is over all and through all and in all.
Context
4Nipadua baako ne Honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛdeɛ wɔfrɛɛ mo kɔɔ anidasoɔ baako, 5Awurade baako, gyidie baako ne asubɔ baako mu no. 6Yɛwɔ Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn nyinaa Agya a ɔdi yɛn nyinaa so. Ɔnam yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu nso. 7Yɛn mu biara wɔ adom bi sɛdeɛ Kristo akyɛ ama yɛn. 8Yei enti na Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Ɛberɛ a ɔforo kɔɔ ɔsoro no,
ɔfaa nneduafoɔ kaa ne ho;
na ɔmaa nnipa akyɛdeɛ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.