Native Bible

Ecclesiastes 9:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti mekaa sɛ, “Nimdeɛ yɛ sene ahoɔden.” Nanso wɔbuu ohiani no nimdeɛ no animtiaa, na obiara ntie nʼasɛm bio.

Ecclesiastes 9:16 in English

Ecclesiastes 9:16 · Berean Standard Bible

And I said, “Wisdom is better than strength, but the wisdom of the poor man is despised, and his words are not heeded.”

Context

14Ɛberɛ bi na kuropɔn ketewa bi wɔ hɔ a emu nnipa yɛ kakraa bi. Ɔhene bi a ɔwɔ tumi to hyɛɛ kuropɔn yi so. Ɔtwaa ho hyiaeɛ na ɔsisii mpie akɛseɛ tiaa no. 15Na ohiani bi a ɔnim nyansa wɔ kuropɔn no mu, na ɔnam ne nimdeɛ so gyee kuropɔn no sii hɔ. Nanso obiara ankae saa ohiani no. 16Enti mekaa sɛ, “Nimdeɛ yɛ sene ahoɔden.” Nanso wɔbuu ohiani no nimdeɛ no animtiaa, na obiara ntie nʼasɛm bio. 17Ɛsɛ sɛ wɔtie onyansafoɔ nsɛm a ɔka no brɛoo no na ɛnyɛ nkwaseafoɔ sodifoɔ nteateam. 18Nimdeɛ yɛ sene akodeɛ, nanso ɔdebɔneyɛfoɔ baako sɛe nnepa bebree.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.