Ɔsɛnkafoɔ 9:12
Ecclesiastes 9:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Bio, onipa biara nnim dɔn ko a ne berɛ bɛso: Sɛdeɛ asau tumi kyere mpataa, ne sɛdeɛ afidie yi nnomaa no saa ara na mmerɛ bɔne to nnipa wɔ ɛberɛ a wɔn ani nni wɔn ho so.
Ecclesiastes 9:12 in English
Ecclesiastes 9:12 · Berean Standard Bible
For surely no man knows his time: Like fish caught in a cruel net or birds trapped in a snare, so men are ensnared in an evil time that suddenly falls upon them.
Context
10Deɛ wo nsa bɛso mu biara, fa wʼahoɔden nyinaa yɛ, ɛfiri sɛ damena a wɔrekɔ mu no, adwumayɛ, adwendwene, nhunumu ne nimdeɛ nni hɔ. 11Mehunuu biribi foforɔ wɔ owia yi ase:
Mmirikakansie nni hɔ mma deɛ ne ho yɛ herɛ
anaasɛ ɔko nni hɔ mma ɔhoɔdenfoɔ,
aduane mma onyansafoɔ nkyɛn
anaasɛ ahonya nnkɔ nhunumufoɔ hɔ
na adom nnkɔ animdefoɔ nkyɛn;
nanso berɛ ne akwannya wɔ hɔ ma wɔn nyinaa. 12Bio, onipa biara nnim dɔn ko a ne berɛ bɛso:
Sɛdeɛ asau tumi kyere mpataa,
ne sɛdeɛ afidie yi nnomaa no
saa ara na mmerɛ bɔne to nnipa
wɔ ɛberɛ a wɔn ani nni wɔn ho so. 13Bio, mehunuu saa nimdeɛ ho nhwɛsoɔ yi wɔ owia yi ase ma ɛtɔɔ me so yie: 14Ɛberɛ bi na kuropɔn ketewa bi wɔ hɔ a emu nnipa yɛ kakraa bi. Ɔhene bi a ɔwɔ tumi to hyɛɛ kuropɔn yi so. Ɔtwaa ho hyiaeɛ na ɔsisii mpie akɛseɛ tiaa no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.