Ɔsɛnkafoɔ 9:11
Ecclesiastes 9:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mehunuu biribi foforɔ wɔ owia yi ase: Mmirikakansie nni hɔ mma deɛ ne ho yɛ herɛ anaasɛ ɔko nni hɔ mma ɔhoɔdenfoɔ, aduane mma onyansafoɔ nkyɛn anaasɛ ahonya nnkɔ nhunumufoɔ hɔ na adom nnkɔ animdefoɔ nkyɛn; nanso berɛ ne akwannya wɔ hɔ ma wɔn nyinaa.
Ecclesiastes 9:11 in English
Ecclesiastes 9:11 · Berean Standard Bible
I saw something else under the sun: The race is not to the swift, nor the battle to the strong; neither is the bread to the wise, nor the wealth to the intelligent, nor the favor to the skillful. For time and chance happen to all.
Context
9Wo ne wo yere monnye mo ani, ɔbaa a wo dɔ noɔ no, wɔ nna a ɛnka hwee a Onyankopɔn de ama mo wɔ owia yi ase, mo ahuhudeɛ nna no. Ɛfiri sɛ ɛyɛ mo kyɛfa wɔ mo nkwa nna mu, ne mo adwumaden wɔ owia yi ase. 10Deɛ wo nsa bɛso mu biara, fa wʼahoɔden nyinaa yɛ, ɛfiri sɛ damena a wɔrekɔ mu no, adwumayɛ, adwendwene, nhunumu ne nimdeɛ nni hɔ. 11Mehunuu biribi foforɔ wɔ owia yi ase:
Mmirikakansie nni hɔ mma deɛ ne ho yɛ herɛ
anaasɛ ɔko nni hɔ mma ɔhoɔdenfoɔ,
aduane mma onyansafoɔ nkyɛn
anaasɛ ahonya nnkɔ nhunumufoɔ hɔ
na adom nnkɔ animdefoɔ nkyɛn;
nanso berɛ ne akwannya wɔ hɔ ma wɔn nyinaa. 12Bio, onipa biara nnim dɔn ko a ne berɛ bɛso:
Sɛdeɛ asau tumi kyere mpataa,
ne sɛdeɛ afidie yi nnomaa no
saa ara na mmerɛ bɔne to nnipa
wɔ ɛberɛ a wɔn ani nni wɔn ho so. 13Bio, mehunuu saa nimdeɛ ho nhwɛsoɔ yi wɔ owia yi ase ma ɛtɔɔ me so yie:
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.