Ɔsɛnkafoɔ 7:27
Ecclesiastes 7:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔsɛnkafoɔ no sɛ, “Hwɛ yei ne deɛ mahwehwɛ ahunu: “Mekekaa nneɛma bobɔɔ so pɛɛ sɛ mehunu sɛdeɛ nneɛma nhyehyɛeɛ teɛ.
Ecclesiastes 7:27 in English
Ecclesiastes 7:27 · Berean Standard Bible
“Behold,” says the Teacher, “I have discovered this by adding one thing to another to find an explanation.
Context
25Afei meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛte aseɛ,
ayɛ nhwehwɛmu na mapɛɛpɛɛ nimdeɛ ne sɛdeɛ nneɛma nhyehyɛeɛ teɛ
na mate amumuyɛ mu agyimisɛm ase
ne nkwaseasɛm mu abɔdamsɛm nso. 26Mahunu deɛ ɛyɛ nwono sene owuo
ɔbaa a ɔyɛ afidie;
nʼakoma yɛ nnaadaa
na ne nsa yɛ mpɔkyerɛ.
Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no renkɔ ne ho
nanso ɔbɔnefoɔ deɛ, ɔbɛtɔ nʼafidie mu. 27Ɔsɛnkafoɔ no sɛ, “Hwɛ yei ne deɛ mahwehwɛ ahunu:
“Mekekaa nneɛma bobɔɔ so pɛɛ sɛ mehunu sɛdeɛ nneɛma nhyehyɛeɛ teɛ. 28Mereyɛ nhwehwɛ mu
na menhunu hwee no,
mehunuu ɔbarima teneneeni baako wɔ mmarima apem mu,
nanso manhunu ɔbaa teneneeni biara wɔ wɔn mu. 29Yei nko ara na mahunu:
Onyankopɔn yɛɛ adasamma teneneefoɔ,
nanso nnipa adane wɔn ho hwehwɛ nhyehyɛeɛ foforɔ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.