Ɔsɛnkafoɔ 7:2
Ecclesiastes 7:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛyɛ sɛ obi bɛkɔ ayie ase sene sɛ ɔbɛkɔ apontoɔ ase, ɛfiri sɛ owuo yɛ onipa biara hyɛberɛ na ɛsɛ sɛ ateasefoɔ hyɛ yei nso.
Ecclesiastes 7:2 in English
Ecclesiastes 7:2 · Berean Standard Bible
It is better to enter a house of mourning than a house of feasting, since death is the end of every man, and the living should take this to heart.
Context
1Edin pa yɛ sene aduhwam papa,
na owuda yɛ sene awoda. 2Ɛyɛ sɛ obi bɛkɔ ayie ase
sene sɛ ɔbɛkɔ apontoɔ ase,
ɛfiri sɛ owuo yɛ onipa biara hyɛberɛ
na ɛsɛ sɛ ateasefoɔ hyɛ yei nso. 3Awerɛhoɔ yɛ sene ɔsereɛ,
ɛfiri sɛ, anim a ayɛ mmɔbɔ mmɔbɔ de akoma mu nsiesie pa ba. 4Onyansafoɔ akoma wɔ ayie ase,
nanso nkwaseafoɔ akoma wɔ ahosɛpɛfoɔ fie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.