Ɔsɛnkafoɔ 7:18
Ecclesiastes 7:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛyɛ sɛ wobɛsɔ baako mu nanso nnyaa deɛ aka no mu. Onipa a ɔsuro Onyankopɔn no bɛsi adeyɛ mmorosoɔ biara ano.
Ecclesiastes 7:18 in English
Ecclesiastes 7:18 · Berean Standard Bible
It is good to grasp the one and not let the other slip from your hand. For he who fears God will follow both warnings.*
Context
16Ɛnyɛ wo ho ɔteneneeni ntra so,
na ɛnyɛ wo ho onyansafoɔ mmoro so,
adɛn enti na wosɛe wo ho? 17Ɛnyɛ omumuyɛfoɔ ntra so,
na ɛnyɛ ɔkwasea nso,
adɛn enti na ɛsɛ sɛ wowu ansa na wo berɛ aso? 18Ɛyɛ sɛ wobɛsɔ baako mu
nanso nnyaa deɛ aka no mu.
Onipa a ɔsuro Onyankopɔn no bɛsi adeyɛ mmorosoɔ biara ano. 19Nimdeɛ ma onyansafoɔ baako tumi bebree
sene kuropɔn mu sodifoɔ edu. 20Onipa teneneeni biara nni asase so a
ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne da.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.