Ɔsɛnkafoɔ 6:4
Ecclesiastes 6:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ne ba no yɛ adehunu, esum mu na ɔkorɔ, na esum akata ne din so.
Ecclesiastes 6:4 in English
Ecclesiastes 6:4 · Berean Standard Bible
For a stillborn child enters in futility and departs in darkness, and his name is shrouded in obscurity.
Context
2Onyankopɔn ma onipa ahonyadeɛ, adenya ne animuonyam sɛdeɛ biribiara a nʼakoma pɛ no ɛmmɔ no, nanso Onyankopɔn amma no kwan sɛ ɔmfa nnye nʼani, na ɔhɔhoɔ mmom na ɔde gye nʼani. Yei yɛ ahuhudeɛ, ɔhaw a ɛyɛ yea. 3Onipa bɛtumi anya mma ɔha na wanyini akyɛre; nanso ne mfeɛ dodoɔ yi akyi no, nʼahonya no amma nʼani annye, na ne sie nso anyɛ fɛ a, ɔpɔn ba ho wɔ mfasoɔ sene no. 4Ne ba no yɛ adehunu, esum mu na ɔkorɔ, na esum akata ne din so. 5Ɛwom sɛ wanhunu owia na ɔnnim hwee deɛ, nanso ɔbɛnya ahomegyeɛ bebree sene deɛ saa ɔbarima no bɛnya. 6Mpo sɛ ɔtena ase mfeɛ apem mmɔho na wammfa nʼahonyadeɛ annye nʼani a, wɔn nyinaa nkɔ faako anaa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.