Native Bible

Ecclesiastes 1:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Me, Ɔsɛnkafoɔ, na meyɛ Israelhene wɔ Yerusalem.

Ecclesiastes 1:12 in English

Ecclesiastes 1:12 · Berean Standard Bible

I, the Teacher, was king over Israel in Jerusalem.

Context

10Biribi wɔ hɔ a wɔbɛtumi aka wɔ ho sɛ: “Hwɛ! Yei yɛ ade foforɔ” anaa? Ɛwɔ hɔ dada firi tete nteredee; ɛwɔ hɔ ansa na wɔwoo yɛn. 11Wɔnnkae tetefoɔ no, na wɔn a wɔnnya nnwoo wɔn no nso wɔn a wɔbɛdi wɔn akyi no renkae wɔn. 12Me, Ɔsɛnkafoɔ, na meyɛ Israelhene wɔ Yerusalem. 13Metuu me ho sii hɔ sɛ mede nimdeɛ bɛsua ayɛ nhwehwɛmu wɔ biribiara a wɔyɛ no owia yi ase ho. Adesoa duruduru bɛn na Onyankopɔn de ato adasamma soɔ yi! 14Mahunu biribiara a wɔyɛ no owia yi ase; ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛ deɛ obi de mmirika taa mframa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.