Native Bible

Deuteronomy 8:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛfiri sɛ, mo Awurade de mo rekɔ asase pa so—asase a asutene, mmura ne nsutire resene wɔ bɔnhwa ne mmepɔ mu;

Deuteronomy 8:7 in English

Deuteronomy 8:7 · Berean Standard Bible

For the LORD your God is bringing you into a good land, a land of brooks and fountains and springs that flow through the valleys and hills;

Context

5Enti, deɛ ɛsɛ sɛ mohunu ne sɛ, sɛdeɛ ɔbaatan tea ne ba no, saa ara nso na Awurade mo Onyankopɔn tea mo de boa mo. 6Monni Awurade mo Onyankopɔn ahyɛdeɛ so na monnante nʼakwan so na momfa anidie mma no. 7Ɛfiri sɛ, mo Awurade de mo rekɔ asase pa so—asase a asutene, mmura ne nsutire resene wɔ bɔnhwa ne mmepɔ mu; 8asase a atokoɔ, ayuo, bobe, borɔdɔma, ateaa, ngo dua ne ɛwoɔ wɔ so. 9Ɛyɛ asase a aduane abu wɔ so a biribiara wɔ so; ɛyɛ asase a fagudeɛ dadeɛ abu so te sɛ aboɔ, na sumpii nso nyɛ na wɔ ne mmepɔ mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.