Native Bible

Deuteronomy 6:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Tie, Ao Israel, Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ Awurade koro.

Deuteronomy 6:4 in English

Deuteronomy 6:4 · Berean Standard Bible

Hear, O Israel: The LORD our God, the LORD is One.*

Context

2sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo, mo mma ne wɔn mma bɛsuro Awurade mo Onyankopɔn mmerɛ dodoɔ a mote ase. Sɛ modi ne mmara ne nʼahyɛdeɛ nyinaa so a, mo nkwa nna bɛware. 3Montie, Ao Israel, na monhwɛ yie nni so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛbɛsi mo yie na mo ase atrɛ yie wɔ asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so sɛdeɛ Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, hyɛɛ mo ho bɔ no. 4Tie, Ao Israel, Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ Awurade koro. 5Dɔ Awurade wo Onyankopɔn firi wʼakoma mu nyinaa ne wo kra nyinaa mu ne wʼahoɔden nyinaa mu. 6Momma saa mmaransɛm a mede rema wo ɛnnɛ yi ntena mo akoma mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.