Native Bible

Deuteronomy 5:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛnyɛ yɛn agyanom na Awurade ne wɔn yɛɛ apam tete no, na mmom, ɔne yɛn a yɛte ase ɛnnɛ yi na ɛyɛeɛ.

Deuteronomy 5:3 in English

Deuteronomy 5:3 · Berean Standard Bible

He did not make this covenant with our fathers, but with all of us who are alive here today.

Context

1Mose frɛɛ Israelfoɔ nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montie mmara ne ahyɛdeɛ a mede rema mo ɛnnɛ no yie. Monsua na monni so. 2Ɛberɛ a yɛwɔ Horeb no, Awurade yɛn Onyankopɔn ne yɛn yɛɛ apam bi. 3Ɛnyɛ yɛn agyanom na Awurade ne wɔn yɛɛ apam tete no, na mmom, ɔne yɛn a yɛte ase ɛnnɛ yi na ɛyɛeɛ. 4Awurade ne mo kasaa animuanimu firi ogyaframa no mu. 5Megyinaa mo ne Awurade ntam, ɛfiri sɛ, na mosuro ogya no enti, moamforo bepɔ no. Ɔkasa kyerɛɛ me na me nso mekaa nsɛm a ɔkaeɛ no kyerɛɛ mo. Nsɛm a ɔkaeɛ no nie:

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.