5 Mose 33:3
Deuteronomy 33:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nokorɛ mu, wo wodɔ wo nnipa no, akronkronfoɔ nyinaa wɔ wo nsam. Wɔkoto wo nan ase, na wɔnya nkyerɛkyerɛ firi wo hɔ;
Deuteronomy 33:3 in English
Deuteronomy 33:3 · Berean Standard Bible
Surely You love the people; all the holy ones are in Your hand, and they sit down at Your feet;* each receives Your words—
Context
1Yei ne nhyira a Onyankopɔn onipa Mose de hyiraa Israelfoɔ no ansa na ɔrewu: 2Ɔkaa sɛ,
“Awurade firi Sinai ba bɛpuee
yɛn so firii Seir;
ɔhran firii Paran bepɔ so.
Ɔde akronkronfoɔ pii ba firii
anafoɔ fam ne mmepɔ nsianeɛ so. 3Nokorɛ mu, wo wodɔ wo nnipa no,
akronkronfoɔ nyinaa wɔ wo nsam.
Wɔkoto wo nan ase,
na wɔnya nkyerɛkyerɛ firi wo hɔ; 4mmara a Mose de maa yɛn no:
Yakob nkurɔfoɔ agyapadeɛ. 5Awurade yɛɛ ɔhene wɔ Yeshurun
ɛberɛ a nnipa no ntuanofoɔ hyiaa
Israel mmusuakuo no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.