Native Bible

Deuteronomy 33:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, Israel bɛtena ase asomdwoeɛ mu; Yakob a wanya nkɔsoɔ bɛnya banbɔ wɔ asase a aduane ne nsã wɔ so, na ɔsoro tɔ bosuo gu so.

Deuteronomy 33:28 in English

Deuteronomy 33:28 · Berean Standard Bible

So Israel dwells securely; the fountain of Jacob lives untroubled in a land of grain and new wine, where even the heavens drip with dew.

Context

26“Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ Yeshurun Onyankopɔn; Ɔnam ɔsorosoro bɛboa wo, ɔde ne tumi nante omununkum mu. 27Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ daa yɛ wo dwanekɔbea; nʼabasa a ɛwɔ hɔ daa no kura wo. Ɔbɛpam wʼatamfoɔ afiri wʼanim; Ɔno na ɔteaam sɛ, ‘Sɛe wɔn!’ 28Enti, Israel bɛtena ase asomdwoeɛ mu; Yakob a wanya nkɔsoɔ bɛnya banbɔ wɔ asase a aduane ne nsã wɔ so, na ɔsoro tɔ bosuo gu so. 29Nhyira nka mo, Ao Israel! Hwan na ɔte sɛ mo, nnipa a Awurade agye mo nkwa. Ɔyɛ mo akokyɛm ne mo ɔboafoɔ ne mo nkonimdie akofena! Mo atamfoɔ bɛkoto mo anim, na moatiatia wɔn so.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.