Native Bible

Deuteronomy 32:44 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mose ne Nun babarima Hosea baeɛ bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ nnipa no.

Deuteronomy 32:44 in English

Deuteronomy 32:44 · Berean Standard Bible

Then Moses came with Joshua * son of Nun and recited all the words of this song in the hearing of the people.

Context

42Mɛma me bɛmma anom mogya abo, na mʼakofena asɛe honam, atɔfoɔ ne nnommumfoɔ mogya, ne atamfoɔ ntuanofoɔ tiri.” 43Ao ɔsorosoro, mo ne no nni ahurisie, ɛfiri sɛ, ɔbɛtɔ nʼasomfoɔ mogya so were. Ɔbɛtɔ nʼatamfoɔ so awere na wadwira nʼasase ne ne nkurɔfoɔ ho. 44Mose ne Nun babarima Hosea baeɛ bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ nnipa no. 45Mose wiee saa dwom no mu nsɛm no ka no, 46ɔka kaa ho sɛ, “Momfa nsɛm a maka akyerɛ mo no nyinaa nsie mo akoma mu. Monka nkyerɛ mo mma nso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛdi emu asɛm biara so sɛ mmara.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.