5 Mose 32:4
Deuteronomy 32:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔyɛ Ɔbotan; nʼadwuma yɛ pɛ; Biribiara a ɔyɛ nam ne kwan so, na ɛyɛ. Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔnyɛ mfomsoɔ; Ɔteneneeni ne nokwafoɔ ne no.
Deuteronomy 32:4 in English
Deuteronomy 32:4 · Berean Standard Bible
He is the Rock, His work is perfect; all His ways are just. A God of faithfulness without injustice, righteous and upright is He.
Context
2Me nkyerɛkyerɛ bɛtɔ agu mo so sɛ nsuo;
me kasa bɛgu sɛ obosuo.
Me nsɛm bɛtɔ sɛ osuo a ɛgu ɛserɛ foforɔ so,
te sɛ nsuo a ɛpete afifideɛ foforɔ so. 3Mɛbɔ Awurade din;
Animuonyam wɔ yɛn Onyankopɔn. 4Ɔyɛ Ɔbotan; nʼadwuma yɛ pɛ;
Biribiara a ɔyɛ nam ne kwan so, na ɛyɛ.
Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔnyɛ mfomsoɔ;
Ɔteneneeni ne nokwafoɔ ne no. 5Nanso wɔayɛ amumuyɛsɛm atia no;
sɛ wɔyɛ saa a, na wɔyɛ ne mma anaa?
Wɔyɛ adaadaafoɔ ne nkyirimma kɔntɔnkye. 6Saa na ɛsɛ sɛ mo ne Awurade di no?
Mo nkwaseafoɔ ne adwenemherɛfoɔ.
Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya, mo yɛfoɔ?
Ɛnyɛ ɔno na ɔbɔɔ mo na ɔmaa mo nnyinasoɔ?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.