5 Mose 32:2
Deuteronomy 32:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Me nkyerɛkyerɛ bɛtɔ agu mo so sɛ nsuo; me kasa bɛgu sɛ obosuo. Me nsɛm bɛtɔ sɛ osuo a ɛgu ɛserɛ foforɔ so, te sɛ nsuo a ɛpete afifideɛ foforɔ so.
Deuteronomy 32:2 in English
Deuteronomy 32:2 · Berean Standard Bible
Let my teaching fall like rain and my speech settle like dew, like gentle rain on new grass, like showers on tender plants.
Context
1Monyɛ aso, Ao ɔsoro na mɛkasa!
Tie, Ao asase, nsɛm a ɛfiri mʼanom. 2Me nkyerɛkyerɛ bɛtɔ agu mo so sɛ nsuo;
me kasa bɛgu sɛ obosuo.
Me nsɛm bɛtɔ sɛ osuo a ɛgu ɛserɛ foforɔ so,
te sɛ nsuo a ɛpete afifideɛ foforɔ so. 3Mɛbɔ Awurade din;
Animuonyam wɔ yɛn Onyankopɔn. 4Ɔyɛ Ɔbotan; nʼadwuma yɛ pɛ;
Biribiara a ɔyɛ nam ne kwan so, na ɛyɛ.
Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔnyɛ mfomsoɔ;
Ɔteneneeni ne nokwafoɔ ne no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.