5 Mose 32:34
Deuteronomy 32:34 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Merekora saa nneɛma yi nyinaa, asɔ ano de asie mʼadekoradan mu.
Deuteronomy 32:34 in English
Deuteronomy 32:34 · Berean Standard Bible
“Have I not stored up these things, sealed up within My vaults?
Context
32Wɔn bobe nyini firi Sodom bobe mu
firi Gomora bobe nturom.
Wɔn bobe aba yɛ awuduro
na wɔn siaka nso yɛ nwono. 33Wɔn bobesa yɛ awɔ ano borɔ;
aprammire ano borɔ kɔdiawuo. 34“Merekora saa nneɛma yi nyinaa,
asɔ ano de asie mʼadekoradan mu. 35Mɛtɔ awere; wɔn a ɛfata wɔn no, ɛbɛtua wɔn so ka.
Ɛrenkyɛre wɔn nan bɛwatiri.
Wɔn amanehunu da no bɛduru,
na wɔn hyɛberɛ bɛto wɔn.” 36Awurade bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn
na wasesa nʼadwene wɔ ne nkoa ho,
Ɛberɛ a wahunu sɛ wɔn ahoɔden asa,
na ɛnkaa obiara, akoa anaa ɔdehyeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.