5 Mose 32:23
Deuteronomy 32:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Mɛhɔre amanehunu wɔ wɔn so na mato me bɛmma awowɔ wɔn.
Deuteronomy 32:23 in English
Deuteronomy 32:23 · Berean Standard Bible
I will heap disasters upon them; I will spend My arrows against them.
Context
21Wɔde anyame foforɔ som akanyane me ninkuntwe;
wɔde anyame huhuo ahyɛ me abufuo.
Afei, mɛhyira aman a wɔnyɛ me ɔman mpo ama wɔn ani abere;
mɛhyira aman amanmufoɔ a wɔnni nteaseɛ ahyɛ wɔn abufuo. 22Mʼabufuo dɛre sɛ ogya,
na ɛhye kɔsi damena mu.
Ɛsɛe asase ne so nnɔbaeɛ nyinaa
na ɛpaapae mmepɔ fapem. 23“Mɛhɔre amanehunu wɔ wɔn so
na mato me bɛmma awowɔ wɔn. 24Mede ɛkɔm kɛseɛ,
huraeɛnini ne owuyadeɛ bɛba wɔn so.
Wɔde wiram mmoa se
ne awɔ a wɔn ano wɔ borɔ a wɔwea fam bɛha wɔn. 25Mmɔntene so no wɔbɛwuwu akofena ano,
na afie mu, ehu bɛtɔ wɔn so.
Mmeranteɛ ne mmabaawa
mmɔfra ne mpanin nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.