5 Mose 30:8
Deuteronomy 30:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, mobɛsane atie, adi Awurade mmara a mede rema mo ɛnnɛ no so.
Deuteronomy 30:8 in English
Deuteronomy 30:8 · Berean Standard Bible
And you will again obey the voice of the LORD and follow all His commandments I am giving you today.
Context
6Awurade, mo Onyankopɔn, bɛtene mo ne mo asefoɔ akoma so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mode mo akoma ne mo kra nyinaa bɛdɔ no na moatena. 7Awurade, mo Onyankopɔn, de saa nnome yi nyinaa bɛgu mo atamfoɔ ne wɔn a wɔtaa mo no so. 8Afei, mobɛsane atie, adi Awurade mmara a mede rema mo ɛnnɛ no so. 9Awurade, mo Onyankopɔn, bɛma biribiara a moyɛ no asi mo yie. Ɔbɛma mo mma pii. Mo nyɛmmoa bɛdɔɔso. Na mo mfuo mu nnɔbaeɛ nso bɛbu so, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, ani bɛgye sɛ ɔbɛma mo adi yie sɛdeɛ na ɔyɛ mo agyanom no. 10Sɛ motie Awurade, mo Onyankopɔn, nne, na modi nʼahyɛdeɛ ne ne mmara a wɔatwerɛ wɔ saa mmara nwoma no mu no so, na mode mo akoma ne mo kra dɔ no a, nʼani bɛgye mo yiedie ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.