5 Mose 3:9
Deuteronomy 3:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sidonfoɔ frɛ no Hermon Sirion ɛnna Amorifoɔ frɛ no Senir.
Deuteronomy 3:9 in English
Deuteronomy 3:9 · Berean Standard Bible
which the Sidonians call Sirion but the Amorites call Senir—
Context
7Nanso, afieboa nyinaa ne nkuro no mu asadeɛ deɛ, yɛfom faeɛ. 8Amorifoɔ ahemfo baanu nsase a na ɛdeda Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no nyinaa, yɛfaeɛ—nsase a ɛfiri Arnon subɔnhwa kɔsi bepɔ Hermon so nyinaa. 9Sidonfoɔ frɛ no Hermon Sirion ɛnna Amorifoɔ frɛ no Senir. 10Yɛadi nkuropɔn a ɛwɔ bepɔ no apampam no nyinaa so a Gilead ne Basan ka ho de kɔsi nkuro a ɛwɔ Saleka ne Edrei, a na ɛyɛ Og ahemman wɔ Basan no nso ka ho bi. 11Abrane no deɛ, Basanhene Og nko na na waka. Ne dadeɛ mpa tenten boro anammɔn dumiɛnsa ɛnna ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nsia. Ɛda so wɔ Amonfoɔ kuropɔn Raba mu seesei ara.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.