5 Mose 3:7
Deuteronomy 3:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, afieboa nyinaa ne nkuro no mu asadeɛ deɛ, yɛfom faeɛ.
Deuteronomy 3:7 in English
Deuteronomy 3:7 · Berean Standard Bible
But all the livestock and plunder of the cities we carried off for ourselves.
Context
5Saa nkuropɔn yi nyinaa, na wɔato afasuo atentene afa ho de nnadeɛ apono atoto ano. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, yɛfaa nkuraa a na wɔntoo afasuo mfaa ho bebree. 6Yɛsɛee Basan kuropɔn no korakora sɛdeɛ yɛsɛee Hesbonhene Sihon no. Yɛsɛee nkuro no ne emu mmarima, mmaa ne mmɔfra nyinaa pasapasa. 7Nanso, afieboa nyinaa ne nkuro no mu asadeɛ deɛ, yɛfom faeɛ. 8Amorifoɔ ahemfo baanu nsase a na ɛdeda Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no nyinaa, yɛfaeɛ—nsase a ɛfiri Arnon subɔnhwa kɔsi bepɔ Hermon so nyinaa. 9Sidonfoɔ frɛ no Hermon Sirion ɛnna Amorifoɔ frɛ no Senir.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.