Native Bible

Deuteronomy 28:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔsoro a ɛkata mo tiri so no bɛdane sumpii na ɛfam adane dadeɛ.

Deuteronomy 28:23 in English

Deuteronomy 28:23 · Berean Standard Bible

The sky over your head will be bronze, and the earth beneath you iron.

Context

21Awurade de nyarewa bɛba mo so akɔsi sɛ ɔbɛsɛe mo nyinaa wɔ asase a morebɛkɔ akɔfa no so. 22Awurade de yadeɛ a ɛbɛma mo afonfɔn bɛka mo. Ɔbɛma huraeɛ ne ahonhono abɔ mo na wama ɔhyeɛ a ano yɛ den, mfudeɛ nyarewa ne kakawirewire aba mo so na aha mo ara kɔsi sɛ mo ase bɛhye. 23Ɔsoro a ɛkata mo tiri so no bɛdane sumpii na ɛfam adane dadeɛ. 24Awurade bɛdane osutɔ a ɛwɔ mo ɔman mu no mfuturo; ɛbɛpore afiri soro agu mo so kɔsi sɛ mobɛsɛe. 25Awurade bɛma mo atamfoɔ adi mo so nkonim. Mobɛfa baabi akɔto ahyɛ mo atamfoɔ so, nanso, mobɛfa akwan nson so adwane afiri wɔn anim. Mobɛyɛ ahodwiredeɛ wɔ ahennie a ɛwɔ asase yi so nyinaa ani so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.