Native Bible

Deuteronomy 28:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade de nyarewa bɛba mo so akɔsi sɛ ɔbɛsɛe mo nyinaa wɔ asase a morebɛkɔ akɔfa no so.

Deuteronomy 28:21 in English

Deuteronomy 28:21 · Berean Standard Bible

The LORD will make the plague cling to you until He has exterminated you from the land that you are entering to possess.

Context

19Baabiara a mobɛkorɔ, mo fieba ne mo adifire mu, wɔbɛdome mo. 20Awurade bɛma nnome, basabasayɛ ne hwammɔdie aba adeɛ biara a moyɛ mu, kɔsi sɛ awieeɛ no wɔbɛsɛe mo koraa sɛ moayɛ bɔne na moagya me enti. 21Awurade de nyarewa bɛba mo so akɔsi sɛ ɔbɛsɛe mo nyinaa wɔ asase a morebɛkɔ akɔfa no so. 22Awurade de yadeɛ a ɛbɛma mo afonfɔn bɛka mo. Ɔbɛma huraeɛ ne ahonhono abɔ mo na wama ɔhyeɛ a ano yɛ den, mfudeɛ nyarewa ne kakawirewire aba mo so na aha mo ara kɔsi sɛ mo ase bɛhye. 23Ɔsoro a ɛkata mo tiri so no bɛdane sumpii na ɛfam adane dadeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.