Native Bible

Deuteronomy 27:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na afei, Lewifoɔ nteam ngu nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa so sɛ:

Deuteronomy 27:14 in English

Deuteronomy 27:14 · Berean Standard Bible

Then the Levites shall proclaim in a loud voice to every Israelite:

Context

12Sɛ motwa Asubɔnten Yordan a, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef ne Benyamin mmusuakuo na wɔnnyina Gerisim bepɔ so nhyira ɔman no. 13Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan ne Naftali mmusuakuo nso nnyina Ebal bepɔ so nnome. 14Na afei, Lewifoɔ nteam ngu nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa so sɛ: 15“Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasene anaa deɛ wɔagu de ahyɛ kɔkoam. Saa ahoni adwumfoɔ nsaano nnwuma yi yɛ Awurade akyiwadeɛ.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!” 16“Nnome nka obiara a ɔbɛbu nʼagya anaa ne maame animtia.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.